Awo ano a wosiw

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nhwɛsoɔ:Infobox interventions Awo ano a wosiw, a wɔsan frɛ no contraception ne awo ho anohyeto, yɛ akwan anaa nnwinnade a wɔde siw nyinsɛn kwan. Awo anosiw a wɔyɛ ho nhyehyɛe, wɔma ɛwɔ hɔ na wɔde di dwuma yɛ nea wɔfrɛ no abusua kɛse ho nhyehyɛe. Wɔde akwan a wɔfa so siw awo ano adi dwuma fi tete, nanso akwan a wɔfa so yɛ no kwan pa so bae wɔ afeha a ɛto so aduonu mu. Aman binom de anohyeto ma anaa wɔnnhyɛ awo anosiw ho nkuran esiane sɛ wɔte nka sɛ enye wɔ abrabɔ, ɔsom anaa amammui mu nti.

Akwan a etu mpɔn a wɔfa so siw awo ano ne abawo tumi a wɔsɛe denam oprehyen wɔ mmarima mu ne awotwaa no fa bi a wɔkyekyere wɔ mmea mu,adwinnade a wɔde hyɛ awotwaa mu IUD, ne adwinnade a wɔde hyɛ nipaduam siw awo ano. Nea wɔyɛ wɔ eyi akyi yɛ akwan a wɔde nipaduam nnuru di dwuma a ebi ne topae a wɔnom, akwan, ɔbea ase kawa, ne mpaane. Akwan a entu mpɔn pii bi ne awode mu nsu a wosiw ano te sɛ kɔndɔm, diaphragm ahorow ne sapɔw ahorow a wɔde siw awo ano ne abawo ho nkyerɛkyerɛ. Akwan a entu mpɔn koraa bi ne aduru a ekum barima ho nsu ne awode a woyi fi ɔfoforo de mua barima no yɛ ansa nane ho aba. Ɛwom sɛ awo tumi a wɔsɛe tu mpɔn de nanso sɛ obi yɛ a, ɔrentumi nsan nkɔ dedaw mu bio; wɔ akwan ahorow a aka mu no, obi betumi asan akɔ ne dedaw mu ntɛm ara. Nna mu bammɔ, te sɛ nea wɔde barima anaa mmea kɔndɔm di dwuma nso betumi asiw nna mu yare ano. Awo a wosiw ano wɔ nna akyi betumi asiw awo ano nnafua kakra wɔ nna akyi. Ebinom bu nna mu ayɔnkofa a wonnya sɛ ɔkwan a wɔde siw awo ano, nanso ɛno nkutoo ho nkyerɛkyerɛ betumi ama mperewa nyinsɛn akɔ soro bere a wɔkyerɛkyerɛ ɛno nkutoo a wɔmfa awo anosiw nnuru biara nnka ho no.

mmabun a wonnii mfe aduonu mu no, wɔn nyinsɛn nta mmfa nsunsuanso papa mma. Nna ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ akyiri ne awo anosiw ho nnuru a wɔde ma brɛ nyinsɛn a wɔmpɛ ase wɔ mmabun yi mu. Ɛwom sɛ mmabun tumi de awo anosiw kwan biara adi dwuma de nansonea ɛbɛyɛ adwuma akyɛ a obi betumi asan akɔ dedaw mu te sɛ nea wɔde hyɛ nipaduam, IUD, anaa ɔbea ase kawa yɛ nea edi dwuma yiye de te mperewanyinsɛn so. Bere a ɔbea awo akyi no, sɛ ɛnyɛ nufusu nkutoo na ɔde ma akokoaa no a, obetumi asan anyinsɛn wɔ nnawɔtwe anan kosi asia ntam. Awo anosiw akwan bi wɔ hɔ a wobetumi afi ase wɔ awo akyi pɛɛ, bere a afoforo de ebehia sɛ wɔtwentwɛn so kakra bɛyɛ bosome asia akyi. Wɔ mmea a wɔma nufusu fam no, progestin nkutoo akwan yɛ nea wɔpɛ sen atopae a wɔnom de siw awo ano. Wɔ mmea a wɔadu bra twa mu no, wɔhyɛ nyansa sɛ wɔbɛkɔ so asiw awo ano afe biako bere a wɔatwa bra no akyi.

Mmea bɛyɛ ɔpepem ahanu aduonu abien a wɔmpɛ sɛ wɔfa afuru a wɔwɔ aman a wonni bi yɛ nea wɔmfa akwan a aba so nsiw awo ano. Awo anosiw wɔ aman a wonni bi mu abrɛ nkwa a wɔhwere wɔ awo mu anaa awo akyi bɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduanan(bɛyɛ nnipa mpem ahanu aduosɔn a anka wɔbɛhwere wɔn nkwa) na ebesiw ano ɔha mu nkyekyem aduosɔn sɛ wotumi de awo anosiw akwan no ma sɛnea ɛsɛ a. Denam awo ntam a wɔma emu twe no, awo anosiw betumi ama mmea awo ayɛ nea ɔhaw nnim na ɛma wɔn mma nso tena nkwa mu. Wɔ aman a wonni bi mu no, mmea akatua agyapade,wɔn mu duru, ne wɔn mma sukuukɔ ne wɔn akwanhosan nyinaa yɛ nea anya nkɔanim esiane awo anosiw a wɔyɛ nti. Awo anosiw ma nkɔso wɔ sikasɛm mu esiane sɛ wonni mma pii a wɔbɛhwɛ wɔn na mmea pii tumi de wɔn ho hyɛ nnwuma mu, na wɔde nneɛma di dwuma kwan pa so.

Nsεm afoforo

  1. "Definition of Birth control". MedicineNet. Archived from the original on 6 August 2012. Retrieved 9 August 2012.
  2. Oxford English Dictionary. Oxford University Press. June 2012.
  3. World Health Organization (WHO). "Family planning". Health topics. World Health Organization (WHO).
  4. 4.0 4.1 Hanson, S.J.; Burke, Anne E. (21 December 2010). "Fertility control: contraception, sterilization, and abortion". In Hurt, K. Joseph; Guile, Matthew W.; Bienstock, Jessica L.; Fox, Harold E.; Wallach, Edward E. (eds.). The Johns Hopkins manual of gynecology and obstetrics (4th ed.). Philadelphia: Wolters Kluwer Health/Lippincott Williams & Wilkins. pp. 382–395. ISBN 978-1-60547-433-5. {{cite book}}: Unknown parameter |chapterurl= ignored (help)
  5. World Health Organization Department of Reproductive Health and Research (2011). Family planning: A global handbook for providers: Evidence-based guidance developed through worldwide collaboration (PDF) (Rev. and Updated ed.). Geneva, Switzerland: WHO and Center for Communication Programs. ISBN 978-0-9788563-7-3.
  6. Taliaferro, L. A.; Sieving, R.; Brady, S. S.; Bearinger, L. H. (2011). "We have the evidence to enhance adolescent sexual and reproductive health--do we have the will?". Adolescent medicine: state of the art reviews. 22 (3): 521–543, xii. PMID 22423463.
  7. Chin, H. B.; Sipe, T. A.; Elder, R.; Mercer, S. L.; Chattopadhyay, S. K.; Jacob, V.; Wethington, H. R.; Kirby, D.; Elliston, D. B. (2012). "The Effectiveness of Group-Based Comprehensive Risk-Reduction and Abstinence Education Interventions to Prevent or Reduce the Risk of Adolescent Pregnancy, Human Immunodeficiency Virus, and Sexually Transmitted Infections". American Journal of Preventive Medicine. 42 (3): 272–294. doi:10.1016/j.amepre.2011.11.006. PMID 22341164. Archived from the original on 2020-01-02. Retrieved 2017-05-23.
  8. Gizzo, S; Fanelli, T; Di Gangi, S; Saccardi, C; Patrelli, TS; Zambon, A; Omar, A; D'Antona, D; Nardelli, GB (October 2012). "Nowadays which emergency contraception? Comparison between past and present: latest news in terms of clinical efficacy, side effects and contraindications". Gynecological endocrinology : the official journal of the International Society of Gynecological Endocrinology. 28 (10): 758–63. doi:10.3109/09513590.2012.662546. PMID 22390259.
  9. DiCenso A, Guyatt G, Willan A, Griffith L (June 2002). "Interventions to reduce unintended pregnancies among adolescents: systematic review of randomised controlled trials". BMJ. 324 (7351): 1426. doi:10.1136/bmj.324.7351.1426. PMC 115855. PMID 12065267.{{cite journal}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  10. Duffy, K.; Lynch, D. A.; Santinelli, J. (2008). "Government Support for Abstinence-Only-Until-Marriage Education". Clinical Pharmacology & Therapeutics. 84 (6): 746–748. doi:10.1038/clpt.2008.188. PMID 18923389.
  11. Black, A. Y.; Fleming, N. A.; Rome, E. S. (2012). "Pregnancy in adolescents". Adolescent medicine: state of the art reviews. 23 (1): 123–138, xi. PMID 22764559.
  12. 12.0 12.1 Rowan, S. P.; Someshwar, J.; Murray, P. (2012). "Contraception for primary care providers". Adolescent medicine: state of the art reviews. 23 (1): 95–110, x–xi. PMID 22764557.
  13. 13.0 13.1 World Health Organization Department of Reproductive Health and Research (2011). Family planning: A global handbook for providers: Evidence-based guidance developed through worldwide collaboration (PDF) (Rev. and Updated ed.). Geneva, Switzerland: WHO and Center for Communication Programs. pp. 260–300. ISBN 978-0-9788563-7-3.
  14. "Costs and Benefits of Contraceptive Services: Estimates for 2012" (pdf). United Nations Population Fund. June 2012. p. 1.
  15. Carr, B.; Gates, M. F.; Mitchell, A.; Shah, R. (2012). "Giving women the power to plan their families". The Lancet. 380 (9837): 80–82. doi:10.1016/S0140-6736(12)60905-2. PMID 22784540. Archived from the original on 2013-05-10. Retrieved 2017-05-23.
  16. 16.0 16.1 Cleland, J; Conde-Agudelo, A; Peterson, H; Ross, J; Tsui, A (Jul 14, 2012). "Contraception and health". Lancet. 380 (9837): 149–56. doi:10.1016/S0140-6736(12)60609-6. PMID 22784533.
  17. Ahmed, S.; Li, Q.; Liu, L.; Tsui, A. O. (2012). "Maternal deaths averted by contraceptive use: An analysis of 172 countries". The Lancet. 380 (9837): 111–125. doi:10.1016/S0140-6736(12)60478-4. PMID 22784531. Archived from the original on 2013-05-10. Retrieved 2017-05-23.
  18. 18.0 18.1 Canning, D.; Schultz, T. P. (2012). "The economic consequences of reproductive health and family planning". The Lancet. 380 (9837): 165–171. doi:10.1016/S0140-6736(12)60827-7. PMID 22784535. Archived from the original on 2013-06-02. Retrieved 2017-05-23.
  19. Van Braeckel, D.; Temmerman, M.; Roelens, K.; Degomme, O. (2012). "Slowing population growth for wellbeing and development". The Lancet. 380 (9837): 84–85. doi:10.1016/S0140-6736(12)60902-7. PMID 22784542. Archived from the original on 2013-05-10. Retrieved 2017-05-23.

Nkyekyem:Gao lazamankwala